12/03/2024
Ɛnnora me nnamfoɔ bi frɛɛ me sɛɛ me mmra na yɛn pue nkɔ gye y'ani kakra.
Nti yɛ kɔ tenaa pub bi. Na King Paluta nni hɔ bi nso na Ɛhɔ akye paa (bars)😂
Boys no ordaa nsa denden ahodoɔ pii. Nso me deɛ me kaa sɛɛ mɛ nom malt nkoaa.
Ɛhɔ aa na boys no astarti ɛɛsre, ɛna baako frɛɛ me sɛ menhyia no wɔ abɔnten.
Yɛ duruu abɔnten na ɔmaa me tɔfe bi sɛ menfa nto manum na ɛɛdɛ paa.
Ampa ara na tɔfe no ɛɛdɛ nti me de mese bubuu mu we yɛ san gyee foforɔ.
Ɛyɛɛ kakra no, mete hɔ aa na m'anum awo na m'anom nsuo kakra. Afei na wiase ayɛ me dɛdɛɛdɛ na ato me ne sereɛ 🤣
Ankyɛ biaa na yɛ faa car kɔɔ fie. Me duruu fie na nsuokɔm de me paa.
Ɛhɔ aa na me kaeɛ sɛ me nni nsuo nti iron mu nsuo na me nom daa yɛ 😂
Stories of Ojay
Skingmann Jonas